2 Chronicles 7:4-6

4Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa Awurade. 5Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. 6Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no.

Copyright information for TwiAKNA